Nahum 1:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim.
Nahum 1:5 in English
Nahum 1:5 · Berean Standard Bible
The mountains quake before Him, and the hills melt away; the earth trembles at His presence— the world and all its dwellers.
Context
3Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,
na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.
Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,
omununkum yɛ ne nan ase mfuturo. 4Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe;
ɔma nsubɔntene nyinaa wewe.
Basan ne Karmel twintwam
na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa. 5Mmepɔ woso biribiri nʼanim
na nkokoɔ nane.
Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa
woso nʼanim. 6Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano?
Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu?
Nʼabufuo hwie te sɛ ogya;
abotan yam wɔ nʼanim. 7Awurade yɛ,
ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea.
Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.