Nahum 1:2
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so.
Nahum 1:2 in English
Nahum 1:2 · Berean Standard Bible
The LORD is a jealous and avenging God; the LORD is avenging and full of wrath. The LORD takes vengeance on His foes and reserves wrath for His enemies.
Context
1Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho. 2Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn,
Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma.
Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ
na nʼabufuo tena wɔn so. 3Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so,
na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso.
Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu,
omununkum yɛ ne nan ase mfuturo. 4Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe;
ɔma nsubɔntene nyinaa wewe.
Basan ne Karmel twintwam
na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.