Marko 9:6
Mark 9:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa.
Mark 9:6 in English
Mark 9:6 · Berean Standard Bible
For they were all so terrified that Peter did not know what else to say.
Context
4Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ! 5Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.” 6Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa. 7Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.” 8Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.