Native Bible

Mark 9:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.”

Mark 9:5 in English

Mark 9:5 · Berean Standard Bible

Peter said to Jesus, “Rabbi, it is good for us to be here. Let us put up three shelters *—one for You, one for Moses, and one for Elijah.”

Context

3Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no. 4Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ! 5Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.” 6Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa. 7Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.