Native Bible

Mark 9:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ!

Mark 9:4 in English

Mark 9:4 · Berean Standard Bible

And Elijah and Moses appeared before them, talking with Jesus.

Context

2Nnansia akyi, Yesu faa Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn kɔɔ bepɔ tentene bi atifi. Saa ɛberɛ no, na obiara nni hɔ ka wɔn ho. Amonom hɔ ara, Yesu sakyerae animuonyam mu. 3Nʼatadeɛ hyerɛn yɛɛ fitafita sene sɛdeɛ obi bɛtumi ahoro saa atadeɛ no ama ayɛ fitaa no. 4Afei Elia ne Mose bɛfirii hɔ. Na wɔne Yesu kasaeɛ! 5Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛyɛ sɛ yɛwɔ ha. Yɛbɛbɔ asese mmiɛnsa wɔ ha, wo deɛ baako, Mose deɛ baako na Elia deɛ baako.” 6Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.