Native Bible

Mark 9:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho.

Mark 9:8 in English

Mark 9:8 · Berean Standard Bible

Suddenly, when they looked around, they saw no one with them except Jesus.

Context

6Esiane sɛ na wɔabɔ hu no enti na ɛma ɔkaa saa. 7Na omununkum bɛkataa wɔn so. Ɛnne bi firii omununkum no mu kaa sɛ, “Yei ne me Dɔ Ba. Montie no.” 8Prɛko pɛ, wɔtotoo wɔn ani no, wɔanhunu obiara ka Yesu ho. 9Wɔresiane afiri bepɔ no so no, Yesu bɔɔ wɔn ano sɛ wɔnnka deɛ wɔahunu no nkyerɛ obiara kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛsɔre afiri awufoɔ mu. 10Asuafoɔ no anka ankyerɛ obiara, na mmom, ɛyɛ a, na wɔtaa bisabisa wɔn ho wɔn ho sɛ, nʼasɛm a ɔkaa sɛ, “Mɛnyane afiri awufoɔ mu” no, na ɔkyerɛ sɛn?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.