Native Bible

Luke 23:38 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni.

Luke 23:38 in English

Luke 23:38 · Berean Standard Bible

Above Him was posted an inscription:* THIS IS THE KING OF THE JEWS.

Context

36Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no 37kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.” 38Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni. 39Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.” 40Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, “Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.