Native Bible

Luke 23:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.”

Luke 23:37 in English

Luke 23:37 · Berean Standard Bible

“If You are the King of the Jews,” they said, “save Yourself!”

Context

35Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw sɛ, “Ɔgyee ebinom nkwa; sɛ ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.” 36Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no 37kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.” 38Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni. 39Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.