Native Bible

Luke 23:39 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”

Luke 23:39 in English

Luke 23:39 · Berean Standard Bible

One of the criminals who hung there heaped abuse on Him. “Are You not the Christ?” he said. “Save Yourself and us!”

Context

37kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.” 38Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ, Yudafoɔ Ɔhene no ni. 39Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.” 40Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, “Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu. 41Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.