Luka 23:36
Luke 23:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no
Luke 23:36 in English
Luke 23:36 · Berean Standard Bible
The soldiers also mocked Him and came up to offer Him sour wine.*
Context
34Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ. 35Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw sɛ, “Ɔgyee ebinom nkwa; sɛ ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.” 36Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no 37kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.” 38Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ,
Yudafoɔ Ɔhene no ni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.