Kwadwom 4:9
Lamentations 4:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn; ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti.
Lamentations 4:9 in English
Lamentations 4:9 · Berean Standard Bible
Those slain by the sword are better off than those who die of hunger, who waste away, pierced with pain because the fields lack produce.
Context
7Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma,
na wɔhoa sene nufosuo,
na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,
na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ. 8Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu;
na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so.
Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so;
ɛho awo wesee sɛ abaa. 9Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa
sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn;
ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu
ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti. 10Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ
de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,
ayɛ wɔn aduane
ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no. 11Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;
wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no.
Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion
ma ɛhyee ne fapem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.