Kwadwom 4:10
Lamentations 4:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduane ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.
Lamentations 4:10 in English
Lamentations 4:10 · Berean Standard Bible
The hands of compassionate women have cooked their own children, who became their food in the destruction of the daughter of my people.
Context
8Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu;
na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so.
Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so;
ɛho awo wesee sɛ abaa. 9Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa
sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn;
ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu
ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti. 10Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ
de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,
ayɛ wɔn aduane
ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no. 11Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;
wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no.
Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion
ma ɛhyee ne fapem. 12Asase so ahemfo annye anni,
ewiase mu nnipa nso annye anni
sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne
Yerusalem apono mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.