Kwadwom 4:12
Lamentations 4:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asase so ahemfo annye anni, ewiase mu nnipa nso annye anni sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne Yerusalem apono mu.
Lamentations 4:12 in English
Lamentations 4:12 · Berean Standard Bible
The kings of the earth did not believe, nor any people of the world, that an enemy or a foe could enter the gates of Jerusalem.
Context
10Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ
de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma,
ayɛ wɔn aduane
ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no. 11Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi;
wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no.
Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion
ma ɛhyee ne fapem. 12Asase so ahemfo annye anni,
ewiase mu nnipa nso annye anni
sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne
Yerusalem apono mu. 13Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne
ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti,
wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya
guu wɔ kuropɔn no mu. 14Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so
te sɛ nnipa a wɔn ani afira.
Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti
obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.