Native Bible

Lamentations 4:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi; wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyee ne fapem.

Lamentations 4:11 in English

Lamentations 4:11 · Berean Standard Bible

The LORD has exhausted His wrath; He has poured out His fierce anger; He has kindled a fire in Zion, and it has consumed her foundations.

Context

9Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn; ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti. 10Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduane ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no. 11Awurade ada nʼabufuhyeɛ nyinaa adi; wahwie nʼabufuo a ano yɛ den no. Ɔsɔɔ ogya ano wɔ Sion ma ɛhyee ne fapem. 12Asase so ahemfo annye anni, ewiase mu nnipa nso annye anni sɛ atamfoɔ bɛtumi ahyɛne Yerusalem apono mu. 13Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti, wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya guu wɔ kuropɔn no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.