Native Bible

Lamentations 4:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu; na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so. Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so; ɛho awo wesee sɛ abaa.

Lamentations 4:8 in English

Lamentations 4:8 · Berean Standard Bible

But now their appearance is blacker than soot; they are not recognized in the streets. Their skin has shriveled on their bones; it has become as dry as a stick.

Context

6Me nkurɔfoɔ asotwe so sene Sodom a wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ, a wɔannya ɔboafoɔ biara no. 7Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma, na wɔhoa sene nufosuo, na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa, na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ. 8Nanso, seesei deɛ, wɔbiri sene wisiapunu; na wɔnhunu wɔn yie wɔ mmɔntene so. Wɔn wedeɛ atwintwam wɔ wɔn nnompe so; ɛho awo wesee sɛ abaa. 9Wɔn a wɔtotɔ wɔ akofena ano no yɛ koraa sene wɔn a ɛkɔm kunkumm wɔn; ɛkɔm tware wɔn, ma wɔwuwu ɛsiane aduane a ɛnni mfuo so enti. 10Mmaa a wɔwɔ ayamhyehyeɛ de wɔn nsa anoa wɔn ankasa mma, ayɛ wɔn aduane ɛberɛ a wɔsɛee me nkurɔfoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.