Native Bible

Lamentations 4:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem; wɔtaa yɛn faa mmepɔ so na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so.

Lamentations 4:19 in English

Lamentations 4:19 · Berean Standard Bible

Those who chased us were swifter than the eagles in the sky; they pursued us over the mountains and ambushed us in the wilderness.

Context

17Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so. 18Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu, enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so. Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna, ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so. 19Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem; wɔtaa yɛn faa mmepɔ so na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so. 20Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no, ɔtɔɔ wɔn mfidie mu. Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu. 21Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa, wo a wote Us asase so. Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi; wobɛboro na wɔabɔ wo adagya.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.