Native Bible

Lamentations 4:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu, enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so. Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna, ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so.

Lamentations 4:18 in English

Lamentations 4:18 · Berean Standard Bible

They stalked our every step, so that we could not walk in our streets. Our end drew near, our time ran out, for our end had come!

Context

16Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; nʼani nni wɔn so bio. Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ, na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ. 17Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so. 18Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu, enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so. Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna, ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so. 19Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem; wɔtaa yɛn faa mmepɔ so na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so. 20Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no, ɔtɔɔ wɔn mfidie mu. Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.