Kwadwom 4:17
Lamentations 4:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.
Lamentations 4:17 in English
Lamentations 4:17 · Berean Standard Bible
All the while our eyes were failing as we looked in vain for help. We watched from our towers for a nation that could not save us.
Context
15Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte!
Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.”
Sɛ wɔdwane kɔnenam a
amanaman no mu nnipa ka sɛ,
“Wɔrentumi ntena ha bio.” 16Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete;
nʼani nni wɔn so bio.
Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ,
na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ. 17Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn,
yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa;
yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too
ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so. 18Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu,
enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.
Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna,
ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so. 19Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare
sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem;
wɔtaa yɛn faa mmepɔ so
na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.