Native Bible

Lamentations 4:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte! Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” Sɛ wɔdwane kɔnenam a amanaman no mu nnipa ka sɛ, “Wɔrentumi ntena ha bio.”

Lamentations 4:15 in English

Lamentations 4:15 · Berean Standard Bible

“Go away! Unclean!” men shouted at them. “Away, away! Do not touch us!” So they fled and wandered. Among the nations it was said, “They can stay here no longer.”

Context

13Nanso ɛsiiɛ, nʼadiyifoɔ no bɔne ne nʼasɔfoɔ amumuyɛ enti, wɔn na wɔhwiee teneneefoɔ mogya guu wɔ kuropɔn no mu. 14Afei wɔkeka wɔ mmɔntene so te sɛ nnipa a wɔn ani afira. Mogya a ama wɔn ho agu fi no enti obiara suro sɛ ɔde ne ho bɛka wɔn ntadeɛ. 15Nnipa teateaam gu wɔn so sɛ, “Momfiri ha nkɔ! Mo ho nnte! Monkɔ, monkɔ! Mommfa mo ho nka yɛn.” Sɛ wɔdwane kɔnenam a amanaman no mu nnipa ka sɛ, “Wɔrentumi ntena ha bio.” 16Awurade ankasa abɔ wɔn ahwete; nʼani nni wɔn so bio. Wɔmmfa anidie mma asɔfoɔ, na wɔn ani nnsɔ mpanimfoɔ. 17Deɛ ɛka ho bio, yɛn ani anni ammoa yɛn, yɛpɛɛ sɛ yɛbɛnya mmoa, nanso ɛyɛɛ ɔkwa; yɛfiri yɛn abantenten so de yɛn ani too ɔman a wɔrentumi nnye yɛn so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.