Kwadwom 4:20
Lamentations 4:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no, ɔtɔɔ wɔn mfidie mu. Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu.
Lamentations 4:20 in English
Lamentations 4:20 · Berean Standard Bible
The LORD’s anointed, the breath of our life, was captured in their pits. We had said of him, “Under his shadow we will live among the nations.”
Context
18Nnipa dii yɛn ntɛntɛ wɔ yɛn anammɔntuo mu,
enti yɛantumi annante yɛn mmɔntene so.
Yɛn awieeɛ bɛneeɛ, na wɔkanee yɛn nna,
ɛfiri sɛ na yɛn awieeɛ aduru so. 19Yɛn ataafoɔ ho yɛ hare
sene akɔdeɛ a wɔwɔ ewiem;
wɔtaa yɛn faa mmepɔ so
na wɔtɛɛ yɛn wɔ ɛserɛ so. 20Deɛ Awurade asra no ngo, yɛn ankasa yɛn nkwa no,
ɔtɔɔ wɔn mfidie mu.
Yɛgye dii sɛ ne nwunu ase
yɛbɛnya nkwa wɔ amanaman no mu. 21Di ahurisie na ma wʼani nnye, Ao Edom Ɔbabaa,
wo a wote Us asase so.
Wɔde kuruwa no bɛma wo nso bi;
wobɛboro na wɔabɔ wo adagya. 22Ao Ɔbabaa Sion, wʼasotwe bɛba awieeɛ;
ɔremma wonkɔ so ntena nnommumfa mu.
Nanso, Ao Ɔbabaa Edom, ɔbɛtua wo bɔne so ka
na wada wʼamumuyɛ adi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.