Native Bible

Lamentations 1:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.

Lamentations 1:4 in English

Lamentations 1:4 · Berean Standard Bible

The roads to Zion mourn, because no one comes to her appointed feasts. All her gates are deserted; her priests groan, her maidens grieve, and she herself is bitter with anguish.

Context

2Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ. 3Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommumfa mu. Ɔte amanaman no mu na ɔnni ahomegyebea Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no wɔ nʼahokyere mu. 4Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den. 5Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom; wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn. Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so nʼamumuyɛ bebrebe enti. Ne mma kɔ nnommumfa mu. Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ. 6Animuonyam nyinaa atu afiri Ɔbabaa Sion so kɔ. Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ a wɔnnya adidibea; na wɔde mmerɛyɛ adwane wɔ wɔn ataafoɔ anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.