Kwadwom 1:6
Lamentations 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Animuonyam nyinaa atu afiri Ɔbabaa Sion so kɔ. Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ a wɔnnya adidibea; na wɔde mmerɛyɛ adwane wɔ wɔn ataafoɔ anim.
Lamentations 1:6 in English
Lamentations 1:6 · Berean Standard Bible
All the splendor has departed from the Daughter of Zion. Her princes are like deer that find no pasture; they lack the strength to flee in the face of the hunter.
Context
4Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ,
ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase.
Nʼapono nyinaa adeda mpan,
na nʼasɔfoɔ si apinie,
ne mmabaawa di yea,
na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den. 5Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom;
wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn.
Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so
nʼamumuyɛ bebrebe enti.
Ne mma kɔ nnommumfa mu.
Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ. 6Animuonyam nyinaa atu
afiri Ɔbabaa Sion so kɔ.
Ne mmapɔmma ayɛ sɛ aforoteɛ
a wɔnnya adidibea;
na wɔde mmerɛyɛ adwane
wɔ wɔn ataafoɔ anim. 7Nʼamanehunu ne ananteananteɛ nna mu no,
Yerusalem kae ademudeɛ nyinaa
a na ɛwɔ no wɔ nna a atwam no mu.
Ne nkurɔfoɔ kɔtɔɔ ɔtamfoɔ no nsa mu no,
na obiara nni hɔ a ɔbɛboa no.
Nʼatamfoɔ de wɔn ani hwɛɛ no
na wɔseree ne sɛeɛ. 8Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ
enti ne ho agu fi.
Wɔn a wɔdi no ni no sopa no,
ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya;
ɔno ankasa gu ahome
na ɔdane nʼani.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.