Native Bible

Lamentations 1:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommumfa mu. Ɔte amanaman no mu na ɔnni ahomegyebea Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no wɔ nʼahokyere mu.

Lamentations 1:3 in English

Lamentations 1:3 · Berean Standard Bible

Judah has gone into exile under affliction and harsh slavery; she dwells among the nations but finds no place to rest. All her pursuers have overtaken her in the midst of her distress.

Context

1Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie, kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma? Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu? Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no abɛyɛ afenaa ɛnnɛ. 2Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ. 3Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommumfa mu. Ɔte amanaman no mu na ɔnni ahomegyebea Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no wɔ nʼahokyere mu. 4Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den. 5Nʼatamfoɔ abɛyɛ ne wuranom; wɔn a wɔ ne no ayɛ dom ho adwo wɔn. Awurade ama awerɛhoɔ aba ne so nʼamumuyɛ bebrebe enti. Ne mma kɔ nnommumfa mu. Wɔayɛ nneduafoɔ ama ɔtamfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.