Native Bible

Lamentations 1:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ.

Lamentations 1:2 in English

Lamentations 1:2 · Berean Standard Bible

She weeps aloud in the night, with tears upon her cheeks. Among all her lovers there is no one to comfort her. All her friends have betrayed her; they have become her enemies.

Context

1Ao, sɛdeɛ kuropɔn no adane amamfo nie, kuropɔn a anka nnipa ahyɛ no ma? Ɛdeɛn enti na wayɛ okunafoɔ baa a kane no na anka woyɛ kɛseɛ wɔ amanaman no mu? Deɛ na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ amantam no mu no abɛyɛ afenaa ɛnnɛ. 2Ɔsu yaayaaya anadwo, nisuo sensane nʼafono so. Nʼadɔfoɔ nyinaa mu no, ɔbiara nni hɔ a ɔkyekyere ne werɛ. Nʼayɔnkofoɔ nyinaa adi no hwammɔ Wɔayɛ nʼatamfoɔ. 3Amanehunu ne adwumaden akyi no, Yuda kɔ nnommumfa mu. Ɔte amanaman no mu na ɔnni ahomegyebea Wɔn a wɔtaa no nyinaa ati no wɔ nʼahokyere mu. 4Akwan a ɛkɔ Sion no di awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ obiara nkɔ nʼafahyɛ ase. Nʼapono nyinaa adeda mpan, na nʼasɔfoɔ si apinie, ne mmabaawa di yea, na ɔwɔ yeadie a emu yɛ den.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.