Native Bible

Job 8:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no, ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ.

Job 8:12 in English

Job 8:12 · Berean Standard Bible

While the shoots are still uncut, they dry up quicker than grass.

Context

10Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo. Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa. 11Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa? 12Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no, ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ. 13Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ; saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee. 14Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden; deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.