Hiob 8:13
Job 8:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ; saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.
Job 8:13 in English
Job 8:13 · Berean Standard Bible
Such is the destiny of all who forget God; so the hope of the godless will perish.
Context
11Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?
Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa? 12Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no,
ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ. 13Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ;
saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee. 14Biribiara a nʼani da so no nni ahoɔden;
deɛ ɔde ne ho to soɔ yɛ ananse ntontan. 15Ɔtwere ne ntontan, nanso ɛtete;
ɔsɔ mu denden nanso ɛnyɛ yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.