Hiob 8:11
Job 8:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora? Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa?
Job 8:11 in English
Job 8:11 · Berean Standard Bible
Does papyrus grow where there is no marsh? Do reeds flourish without water?
Context
9Na wɔwoo yɛn nkyɛreeɛ na yɛnnim hwee.
Yɛn nna wɔ asase yi so te sɛ sunsumma. 10Nanso adikanfoɔ no bɛkyerɛkyerɛ wo.
Wɔbɛfiri wɔn nteaseɛ mu akyerɛ wo nyansa. 11Paparɔs bɛtumi anyini akɔ soro wɔ baabi a ɛnyɛ ɔwora?
Demmire bɛtumi afifiri baabi a nsuo nni anaa? 12Ɛberɛ a ɛrenyini a wɔntwaeɛ no,
ɛdwane ntɛm so sene ɛserɛ. 13Saa na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn no awieeɛ teɛ;
saa na wɔn a wɔnni nyamesu no anidasoɔ nkɔsi hwee.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.