Hiob 21:16
Job 21:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam, enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho.
Job 21:16 in English
Job 21:16 · Berean Standard Bible
Still, their prosperity is not in their own hands, so I stay far from the counsel of the wicked.
Context
14Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so!
Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan. 15Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no?
Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’ 16Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam,
enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho. 17“Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea?
Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so,
deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no? 18Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano,
te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.