Native Bible

Job 21:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn?

Job 21:18 in English

Job 21:18 · Berean Standard Bible

Are they like straw before the wind, like chaff swept away by a storm?

Context

16Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam, enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho. 17“Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no? 18Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano, te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn? 19Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe ɔnipa no ankasa aso ma ɔhunu. 20Ma wɔn ankasa ani nhunu wɔn sɛeɛ; ma Otumfoɔ abufuhyeɛ no nka wɔn ani.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.