Hiob 21:19
Job 21:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’ Ɛsɛ sɛ ɔtwe ɔnipa no ankasa aso ma ɔhunu.
Job 21:19 in English
Job 21:19 · Berean Standard Bible
It is said that God lays up one’s punishment for his children. Let God repay the man himself, so he will know it.
Context
17“Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea?
Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so,
deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no? 18Mpɛn ahe na wɔyɛ sɛ ɛserɛ wɔ mframa ano,
te sɛ ntɛtɛ a mframa den bi apra wɔn? 19Wɔka sɛ, ‘Onyankopɔn kora onipa asotwe so de twɛn ne mma.’
Ɛsɛ sɛ ɔtwe ɔnipa no ankasa aso ma ɔhunu. 20Ma wɔn ankasa ani nhunu wɔn sɛeɛ;
ma Otumfoɔ abufuhyeɛ no nka wɔn ani. 21Wɔn abusuafoɔ a wɔagya wɔn akyire no renya hwee
nʼagyapadeɛ nyinaa bɛsɛe.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.