Hiob 21:14
Job 21:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan.
Job 21:14 in English
Job 21:14 · Berean Standard Bible
Yet they say to God: ‘Leave us alone! For we have no desire to know Your ways.
Context
12Wɔto nnwom wɔ akasaeɛ ne sankuo so;
na wɔde atɛntɛbɛn nnyegyeeɛ gye wɔn ani. 13Wɔdi yie wɔn nkwanna mu
na wɔkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. 14Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so!
Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan. 15Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no?
Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’ 16Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam,
enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.