Native Bible

Job 21:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’

Job 21:15 in English

Job 21:15 · Berean Standard Bible

Who is the Almighty, that we should serve Him, and what would we gain if we pray to Him?’

Context

13Wɔdi yie wɔn nkwanna mu na wɔkɔ damena mu asomdwoeɛ mu. 14Nanso wɔka kyerɛ Onyankopɔn sɛ, ‘Firi yɛn so! Yɛmpɛ sɛ yɛhunu wʼakwan. 15Hwan ne otumfoɔ no a ɛsɛ sɛ yɛsom no? Sɛ yɛbɔ no mpaeɛ a mfasoɔ bɛn na yɛbɛnya?’ 16Nanso, wɔn nkɔsoɔ no nni wɔn nsam, enti metwe me ho firi amumuyɛfoɔ afutuo ho. 17“Nanso mpɛn ahe na wɔdum amumuyɛfoɔ kanea? Mpɛn ahe na amanehunu ba wɔn so, deɛ Onyankopɔn firi nʼabufuo mu de ba no?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.