Hiob 16:9
Job 16:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu na ɔtwɛre ne se gu me so; deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me.
Job 16:9 in English
Job 16:9 · Berean Standard Bible
His anger has torn me and opposed me; He gnashes His teeth at me. My adversary pierces me with His eyes.
Context
7Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ;
woasɛe me fie pasaa. 8Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie;
me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me. 9Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu
na ɔtwɛre ne se gu me so;
deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me. 10Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;
wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa
na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me. 11Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ.
Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.