Hiob 16:11
Job 16:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ. Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam.
Job 16:11 in English
Job 16:11 · Berean Standard Bible
God has delivered me to unjust men; He has thrown me to the clutches of the wicked.
Context
9Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu
na ɔtwɛre ne se gu me so;
deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me. 10Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw;
wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa
na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me. 11Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ.
Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam. 12Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me;
ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ.
Ɔde me asi nʼani so; 13nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia,
ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ
maa me bɔnwoma pete guu fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.