Native Bible

Job 16:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia, ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ maa me bɔnwoma pete guu fam.

Job 16:13 in English

Job 16:13 · Berean Standard Bible

His archers surround me. He pierces my kidneys without mercy and spills my gall on the ground.

Context

11Onyankopɔn de me ama abɔnefoɔ. Wato me atwene amumuyɛfoɔ nsam. 12Na biribiara kɔ yie ma me, nanso ɔdwerɛɛ me; ɔsɔɔ me kɔn mu, too me hwee hɔ. Ɔde me asi nʼani so; 13nʼagyantofoɔ atwa me ho ahyia, ɔhwiree me sawa mu a wanhunu me mmɔbɔ maa me bɔnwoma pete guu fam. 14Ɔba me so ɛberɛ biara; na ɔto hyɛ me so sɛ ɔkofoɔ. 15“Mapam ayitoma akata me wedeɛ so na masie mʼanintɔn wɔ mfuturo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.