Native Bible

Job 16:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie; me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me.

Job 16:8 in English

Job 16:8 · Berean Standard Bible

You have bound me, and it has become a witness; my frailty rises up and testifies against me.

Context

6“Nanso sɛ mekasa a, ɔyea a mete no remmoto; na sɛ mankasa nso a, ɛrennyae. 7Ao Onyankopɔn, ampa ara woama mabrɛ; woasɛe me fie pasaa. 8Woakyekyere me, ma abɛyɛ adansedie; me so teɛ ara na ɛreteɛ, na ɛdi adanseɛ tia me. 9Onyankopɔn to hyɛ me so tete me wɔ nʼabufuo mu na ɔtwɛre ne se gu me so; deɛ ɔne me anya no pɔkyere nʼani hwɛ me. 10Nnipa bue wɔn ano di me ho fɛw; wɔbɔ me sotorɔ de bu me animtiaa na wɔka wɔn ho bɔ mu de tia me.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.