Native Bible

Job 14:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio.

Job 14:10 in English

Job 14:10 · Berean Standard Bible

But a man dies and is laid low; he breathes his last, and where is he?

Context

8Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu na ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu, 9nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ. 10Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio. 11Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no, anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no, 12saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔre na wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.