Hiob 14:8
Job 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu na ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu,
Job 14:8 in English
Job 14:8 · Berean Standard Bible
If its roots grow old in the ground and its stump dies in the soil,
Context
6Enti, yi wʼani firi ne so na ɔnyɛ deɛ ɔpɛ,
kɔsi sɛ ɔbɛwie nʼadwuma sɛ ɔpaani. 7“Dua mpo anidasoɔ wɔ hɔ ma no:
Sɛ wɔtwa a, ɛbɛfefɛ bio,
na ne mman foforɔ no rempempan. 8Ne nhini bɛtumi anyini akyɛre asase mu
na ne dunsini nso awu wɔ dɔteɛ mu, 9nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ,
na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ. 10Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam;
ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.