Native Bible

Job 14:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no, anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no,

Job 14:11 in English

Job 14:11 · Berean Standard Bible

As water disappears from the sea and a river becomes parched and dry,

Context

9nanso, ɔnya nsuo a ɛfefɛ, na ɛyiyi mman sɛ dua a wɔatɛ. 10Nanso, sɛ nnipa wu a wɔde no hyɛ fam; ɔhome deɛ ɛtwa toɔ a, na afei ɔnni hɔ bio. 11Sɛdeɛ nsuo tu yera wɔ ɛpo mu no, anaa sɛdeɛ nsuka mu weɛ no, 12saa ara na onipa tɔ fam na ɔnsɔre bio; ɛnkɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam no, nnipa rensɔre na wɔrennyane wɔn mfiri wɔn nna mu. 13“Sɛ anka wode me bɛsie damena mu de me ahinta kɔsi sɛ wʼabofuo bɛtwam! Sɛ anka wobɛhyɛ me berɛ na afei woakae me!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.