Yeremia 8:5
Jeremiah 8:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho? Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi? Wɔkura nnaadaa mu pintinn; na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.
Jeremiah 8:5 in English
Jeremiah 8:5 · Berean Standard Bible
Why then have these people turned away? Why does Jerusalem always turn away? They cling to deceit; they refuse to return.
Context
3Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’ 4“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?
Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa? 5Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?
Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?
Wɔkura nnaadaa mu pintinn;
na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi. 6Mawɛn maso matie,
nanso wɔnnka deɛ ɛtene.
Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,
na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”
Obiara fa ɔno ara ɛkwan so
te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm. 7Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem
nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,
na aturukuku, asomfena ne anyankuku
hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,
nanso me nkurɔfoɔ nnim
deɛ Awurade hwehwɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.