Yeremia 8:3
Jeremiah 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’
Jeremiah 8:3 in English
Jeremiah 8:3 · Berean Standard Bible
And wherever I have banished them, the remnant of this evil family will choose death over life,” declares the LORD of Hosts.
Context
1“ ‘Saa ɛberɛ no, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔbɛyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfoɔ nnompe, asɔfoɔ ne adiyifoɔ nnompe ne Yerusalemfoɔ nnompe afiri wɔn nnamena mu. 2Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. 3Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’ 4“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?
Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa? 5Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?
Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?
Wɔkura nnaadaa mu pintinn;
na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.