Yeremia 8:4
Jeremiah 8:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: “ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa? Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa?
Jeremiah 8:4 in English
Jeremiah 8:4 · Berean Standard Bible
So you are to tell them this is what the LORD says: “Do men fall and not get up again? Does one turn away and not return?
Context
2Wɔbɛsɛ no kɛtɛ wɔ awia ne ɔsrane ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔɔɛ na wɔsomeeɛ na wɔdii akyire no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn, mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a ɛgugu fam. 3Saa ɔman bɔne yi nkaeɛfoɔ no, baabiara a mɛtwa wɔn asuo akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wɔbɛwu sene sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.’ 4“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie:
“ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa?
Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa? 5Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho?
Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi?
Wɔkura nnaadaa mu pintinn;
na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi. 6Mawɛn maso matie,
nanso wɔnnka deɛ ɛtene.
Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,
na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”
Obiara fa ɔno ara ɛkwan so
te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.