Native Bible

Jeremiah 8:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mawɛn maso matie, nanso wɔnnka deɛ ɛtene. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho, na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?” Obiara fa ɔno ara ɛkwan so te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm.

Jeremiah 8:6 in English

Jeremiah 8:6 · Berean Standard Bible

I have listened and heard; they do not speak what is right. No one repents of his wickedness, asking, ‘What have I done?’ Everyone has pursued his own course like a horse charging into battle.

Context

4“Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade seɛ nie: “ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre anaa? Sɛ onipa dane ne ho a, ɔnsane nʼakyi anaa? 5Afei adɛn enti na saa nnipa yi adane wɔn ho? Adɛn enti na Yerusalem dane ne ho daa yi? Wɔkura nnaadaa mu pintinn; na wɔmpɛ sɛ wɔsane wɔn akyi. 6Mawɛn maso matie, nanso wɔnnka deɛ ɛtene. Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho, na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?” Obiara fa ɔno ara ɛkwan so te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm. 7Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no, na aturukuku, asomfena ne anyankuku hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi, nanso me nkurɔfoɔ nnim deɛ Awurade hwehwɛ. 8“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa, ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ de atorɔ adanedane mu?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.