Yeremia 8:8
Jeremiah 8:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa, ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ de atorɔ adanedane mu?
Jeremiah 8:8 in English
Jeremiah 8:8 · Berean Standard Bible
How can you say, ‘We are wise, and the Law of the LORD is with us,’ when in fact the lying pen of the scribes has produced a deception?
Context
6Mawɛn maso matie,
nanso wɔnnka deɛ ɛtene.
Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumuyɛ ho,
na ɔka sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ?”
Obiara fa ɔno ara ɛkwan so
te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrebɔ hyia dɔm. 7Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem
nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,
na aturukuku, asomfena ne anyankuku
hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,
nanso me nkurɔfoɔ nnim
deɛ Awurade hwehwɛ. 8“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa,
ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,”
wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ
de atorɔ adanedane mu? 9Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;
wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.
Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,
na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ? 10Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ
ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.
Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;
adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.