Yeremia 8:9
Jeremiah 8:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anyansafoɔ no anim bɛgu ase; wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ?
Jeremiah 8:9 in English
Jeremiah 8:9 · Berean Standard Bible
The wise will be put to shame; they will be dismayed and trapped. Since they have rejected the word of the LORD, what wisdom do they really have?
Context
7Mpo asukɔnkɔn a ɔwɔ ewiem
nim ne mmerɛ a wɔahyehyɛ ama no,
na aturukuku, asomfena ne anyankuku
hunu ɛberɛ a wɔtu kɔtena baabi,
nanso me nkurɔfoɔ nnim
deɛ Awurade hwehwɛ. 8“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa,
ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,”
wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ
de atorɔ adanedane mu? 9Anyansafoɔ no anim bɛgu ase;
wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn.
Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,
na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ? 10Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ
ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.
Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;
adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. 11Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro
te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.
Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ”
wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.