Native Bible

Jeremiah 8:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ” wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ.

Jeremiah 8:11 in English

Jeremiah 8:11 · Berean Standard Bible

They dress the wound of the daughter of My people with very little care, saying, ‘Peace, peace,’ when there is no peace at all.

Context

9Anyansafoɔ no anim bɛgu ase; wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ? 10Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. 11Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ” wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase, sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 13“ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ, deɛ Awurade seɛ nie. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhahan bɛdwindwan. Deɛ mede ama wɔn no wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.