Native Bible

Jeremiah 8:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ, deɛ Awurade seɛ nie. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhahan bɛdwindwan. Deɛ mede ama wɔn no wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ”

Jeremiah 8:13 in English

Jeremiah 8:13 · Berean Standard Bible

I will take away their harvest, declares the LORD. There will be no grapes on the vine, nor figs on the tree, and even the leaf will wither. Whatever I have given them will be lost to them.”

Context

11Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ” wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase, sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 13“ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ, deɛ Awurade seɛ nie. Aba biara remma bobe nnua no so. Aba biara remma borɔdɔma nnua no so, ɛso nhahan bɛdwindwan. Deɛ mede ama wɔn no wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ” 14Adɛn enti na yɛtete ha? Mommoaboa mo ho ano! Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ! Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom, ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no. 15Yɛhwɛɛ ɛkwan sɛ yɛbɛnya asomdwoeɛ nanso biribi pa biara amfiri mu amma, yɛhwɛɛ ayaresa berɛ ɛkwan nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.