Yeremia 8:12
Jeremiah 8:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase, sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Jeremiah 8:12 in English
Jeremiah 8:12 · Berean Standard Bible
Are they ashamed of the abomination they have committed? No, they have no shame at all; they do not even know how to blush. So they will fall among the fallen; when I punish them, they will collapse, says the LORD.
Context
10Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ
ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ.
Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya;
adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. 11Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro
te sɛ deɛ ɛnyɛ hu.
Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ”
wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa?
Dabi, wɔn ani nnwu koraa;
wɔnnim fɛreɛ mpo.
Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu;
sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase,
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 13“ ‘Mɛfa wɔn otwa berɛ nnɔbaeɛ akɔ,
deɛ Awurade seɛ nie.
Aba biara remma bobe nnua no so.
Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,
ɛso nhahan bɛdwindwan.
Deɛ mede ama wɔn no
wɔbɛgye afiri wɔn nsam.’ ” 14Adɛn enti na yɛtete ha?
Mommoaboa mo ho ano!
Momma yɛnnwane nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ mu
na yɛnkɔwuwu wɔ hɔ!
Ɛfiri sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn abu yɛn kumfɔ
na wama yɛn nsuo a awuduro wɔ mu sɛ yɛnnom,
ɛfiri sɛ yɛayɛ bɔne atia no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.