Native Bible

Jeremiah 8:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ.

Jeremiah 8:10 in English

Jeremiah 8:10 · Berean Standard Bible

Therefore I will give their wives to other men and their fields to new owners. For from the least of them to the greatest, all are greedy for gain; from prophet to priest, all practice deceit.

Context

8“ ‘Adɛn na motumi ka sɛ, “Yɛnim nyansa, ɛfiri sɛ yɛwɔ Awurade mmara,” wɔ ɛberɛ a atwerɛfoɔ twerɛdua torofoɔ de atorɔ adanedane mu? 9Anyansafoɔ no anim bɛgu ase; wɔn ho bɛdwiri wɔn na afidie ayi wɔn. Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a, na ɛdeɛn nyansa na wɔwɔ? 10Mede wɔn yerenom bɛma mmarimma foforɔ ne wɔn mfuo nso ama afoforɔ. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfoɔ de pɛ ahonya; adiyifoɔ ne asɔfoɔ te saa, wɔn nyinaa yɛ asisifoɔ. 11Wɔmia me nkurɔfoɔ apirakuro te sɛ deɛ ɛnyɛ hu. Wɔka sɛ, “Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ” wɔ mmerɛ a asomdwoeɛ nni hɔ. 12Wɔn ani wu wɔ wɔn animguaseɛ nneyɛɛ no ho anaa? Dabi, wɔn ani nnwu koraa; wɔnnim fɛreɛ mpo. Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu; sɛ metwe wɔn aso a, wɔbɛhwehwe ase, sɛdeɛ Awurade seɛ nie.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.