Yeremia 6:8
Jeremiah 6:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem, anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho na mama wʼasase ada mpan a obiara ntumi ntena soɔ.”
Jeremiah 6:8 in English
Jeremiah 6:8 · Berean Standard Bible
Be forewarned, O Jerusalem, or I will turn away from you; I will make you a desolation, a land without inhabitant.”
Context
6Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:
“Montwitwa nnua no ngu fam
na monsisi epie ntia Yerusalem.
Ɛsɛ sɛ wɔtwe kuropɔn yi aso;
nhyɛsoɔ ahyɛ no ma. 7Sɛdeɛ abura pu ne nsuo no,
saa ara nso na ɔpu nʼamumuyɛ.
Wɔte awurukasɛm ne ɔsɛeɛ nka wɔ ne mu;
ne yadeɛ ne nʼapirakuro wɔ mʼanim daa. 8Fa kɔkɔbɔ, Ao Yerusalem,
anyɛ saa a metwe me ho afiri wo ho
na mama wʼasase ada mpan
a obiara ntumi ntena soɔ.” 9Deɛ Asafo Awurade seɛ nie:
“Ma wɔnyiyi Israel nkaeɛfoɔ no mu yie
sɛdeɛ wɔyiyi bobe mu;
fa wo nsa fa mman no so bio,
sɛ obi a ɔretete bobe aba.” 10Hwan na mɛtumi akasa akyerɛ no na mabɔ no kɔkɔ?
Hwan na ɔbɛtie me?
Wɔn aso asisi
enti wɔnte asɛm.
Awurade asɛm yɛ akyiwadeɛ ma wɔn
na wɔn ani nnye ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.